عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Hud [Hud] - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail

Surah Hud [Hud] Ayah 123 Location Maccah Number 11

Alif - Laam - Raa. (Woi yε) Nwoma a emu nsεm no sipi wᴐ nimdeԑ mu, afei yɛakyerεkyerε mu pefee; efri (Otumfoͻ) Nyansafoͻ , Amane bͻ Wura no hͻ (sε):

Monhwε na moansom (obiara) gyesε Onyankopͻn (nko ara). Nokorε sε, meyε kͻkͻbͻ ne anigyesԑm (ho somafoͻ) a me fri Ne hͻ ma mo:-

‘’Monsrε mo Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra mo adwen nkͻ Ne hͻ, na Ɔbεma mo atena asetena pa akosi εberε a yɛahyehyε ato hͻ (ama mo), na Ɔde N’adom no ama obi a ͻwͻ adom. Na mmom sε modane mo ho (fri Nokorԑ no ho) a, εneε medeε mesuro Da kεseε no asotwee no ma mo “.

Abͻdeε a εwͻ asaase so biara akͻnhoma da Nyankopͻn so; Onim faako a ͻteε ne (berε a ͻwͻ awodeε mu), ne bea a ͻbewuo, ne n’adakamena mu. Biribiara wͻ Nwoma pefee (Lawhul Mah’fuuz) no mu.

Sε Yεma onipa ka ahummͻborͻ bi fri Yεn hͻ hwε, na afei Yɛyi (ahummͻborͻ no) fri ne so a, afei hwε, na wapa aba, reyi (Nyame) boniayε.

(Quraishfoͻ no reha wo sԑdeԑ) ebia wobɛgyae deε yɛayi ama woͻ no mu bi na wᴐde ama w’akoma asεe, efrisε wͻka sε: ‘’Adεn nti na yɛnsiane ahonyadeε bi mma no, anaasε Soro abͻfoͻ bi mεka ne ho?” (W’adwuma ara ne sε) woyε kͻkͻbͻni. Onyankopͻn na biribiara twere no.

Anaa wͻka sε: “Wabͻ wo trim (na atwerε Qur’aan no)?” Ka sε: ‘’Monfa nesεso Suura’ du a yɛabͻ yɛ trim (na atwerε) mmra, na monfri Nyankopͻn akyi mfrε obia mobɛtumi, sε moyε nokwafoͻ ampa a.

Sε wͻn amma mo mmuaeε a, εneε monhunu sε Nyankopͻn nimdeε mu na yεde sianee (saa Qur’aan yi). Awurade biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara, Enti mobεbrε mo ho ase ayε Muslimifoͻ?

Saa nkorͻfoͻ no na wͻnni (kyεfa biara) wͻ Daakye no mu no, gyesε Amanehunu gya; deε wͻyεε no wͻ (wiase yi) mu no (nyinaa) ayε kwa, na dwuma a na wͻdie no ho amma mfasoͻ.

Enti (saa nkorᴐfoᴐ no tesε) obi a ͻwͻ nyinasoͻ pefee a efri ne Wura Nyankopͻn hͻ, na ͻdanseni a ofri Nyankopͻn hͻ no kenkan, na Mose Nwoma a εyε kwankyerε ne Ahummͻborͻ adi n’anim kan? Saa nkorͻfoͻ yi gye di. Na nnipa kuo no mu biara a wannye annie no Amanehu gya no mu na yɛahyε no ho bͻ. Enti εmma w’adwen nnyε wo ntanta wͻ ho, efrisε, εno ne nokorε no a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ no, nanso nnipa pii nnim.

(Onipa) bͻneni bεn na ͻkyεn obia otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ? Yεde saa nkorͻfoͻ no bεba Nyankopͻn anim, na (Soro abͻfoͻ) adansefoͻ no bεka sε: ‘’Saa nkorͻfoͻ yi na wɔtwaa nkotompo too wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no. Enti Nyankopͻn nomee nka nnipa bͻnefoͻ no-

Wͻn a wͻsi (amanfoͻ) kwan fri Onyankopͻn kwan so hwehwε sε (Onyankopͻn kwan no) bεkyea, saa nkorͻfoͻ no ne (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no wͻ Daakye.

Saa nkorͻfoͻ no na wͻn ahwere wͻn kraa, na wͻn nkontompo a wͻbͻͻ wͻn trimu twaeε no nso ayera afri wͻn ho kͻ.

Akuo mmienu yi (agyidiefoͻ ne kaafirfoͻ) mfatoho tesε Onifirani ne nea n’aso asie, εna obi a ohunu adeε ne obia ͻte asεm. Enti wͻn mfatoho yε pε? Adεn, momfa nyԑ afutuo?

Ampa sε Yεsomaa Noa maa no kͻͻ ne nkorͻfoͻ hͻ (kͻka kyerεε wͻn) sε: ‘’Nokorε sε, meyε kͻkͻbͻni pefee ma mo-

Sε: ‘’Monhwε na moansom (obiara) gyesε Nyankopͻn. Nokorε sε, medeε mesuro Ɛda yaaya no asotwee no ma mo.

Noa kaa sε: ‘’Me nkorͻfoͻ moahunu, enti sε megyina nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee a efri me Wura Nyankopͻn hͻ no so, na Wama me ahummͻborͻ a efiri Ne hͻ, εna yɛafira mo ani wᴐ ho a, enti yεnhyε mo (ma monnye ntum) aberε a mompε?

Mennka nkyerεε mo sε, Nyankopͻn akoradeε wͻ me hͻ, anaasԑ menim kokoa mu asεm, mennka nkyerεε mo nso sε, meyε Soro abͻfoͻ, εna mennkaa nso sε, wͻn a mobu wͻn animtia wᴐ moanisoͻ no Nyankopͻn mma wͻn papa. Nyankopͻn Nim deε εwͻ wͻn mu. (Sε maka nsεm bi saa akyerε mo a), εneε na anka meka abͻneεfoͻ no ho.

(Ne nkorͻfoͻ no) kaa sε: ”Noa, wone yεn agye akyinnye paa ama wone yεn akyinnyeε no adͻͻso dodo, enti fa deε wahyε yεn ho bͻ no bra yεn so, sε woyε nokwafoͻ ampa a”.

(Noa) kaa sε: Nea sԑ Ͻpԑ a ͻde (asotwee no) bεba mosoͻ no deε Ɔne Nyankopͻn, na montumi nnsi (saa asotwee no) ho kwan”.

Anaasε (Nkͻmhyεni), wͻka sε: “Wabͻ wo tri mu (na watwerε Quraan) no?” Ka sε: “Sε mebͻͻ me tri mu ampa a, me bͻne da me ara me so; na medeε menka bͻne a moyε no ho.”

Yɛyi kyerεε Noa sε: “Nokorԑ sԑ wo nkorͻfoͻ no nnye nni (bio) gyesε wͻn mu wͻn a wͻadikan agye adi no ara; na εmma wo werε nho wͻ deε wͻreyε no ho.

Enti pam nsuom hyεn ma εwͻ yεniso εne sεdeε Yɛyi kyerεε (woͻ no). Na hwε na wo ne me ankasa amma abͻneεfoͻ no. Nokorε sε nsuo bεfa wͻn.

Ogu so repam nsuo mu hyεn no, εberε biara a ne nkorͻfoͻ no mu mpanimfoͻ no bεba abɛtwam wͻ ne ho no na wͻredi ne ho fεw. (Noa) kaa sε: “Sε moredi yεn ho fεw (nnε) a, yεnso yεbɛdi mo ho fεw (ͻkyena) sεdeε moredi yεn ho fεw no.

(Ɛkͻͻ so) kosii sε, Yɛahyεdeε no ba maa nsuo puepue frii fononoo no mu. Yεkaa sε: ”(Noa), fa biribiara mmienu-mmienu (onini ne ͻbedeε) ne w’abusuafoͻ ne wͻn a wͻagye adie no kͻ (nsuom nhyεn no mu) gyesε obi a, asεm no nokorε adikan atia no. Nanso (nnipa) kakraabi na wͻgye di kaa ne ho.

(Noa) ka kyerεε (wͻn a wͻagye adie no) sε: “Monfa Nyankopͻn din mforo; (Onyankopͻn din) na ede bɛtuo, εno na εde bεto sεkyε anaasε εde bɛgyina. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

(Nsuom hyεn no) de wͻn nantee asorͻkye a εtesε mmepͻ no mu. Noa frεε ne ba a (saa berε no) na wate ne ho (gyina baabi) sε: “Me ba, bεka yεn ho ne yεn mforo (nsuom hyεn no), na hwε na wankͻka boniayεfoͻ no ho”

(Ne ba no) kaa sε: “Mεbͻ me ho adwaa wͻ bepͻ bi so na εbεbͻ me ho ban afri nsuo no ho”. (Noa) kaa sε: “Ɛnnε da yi biribiara ntumi mmͻ (obi) ho ban wͻ Nyankopͻn ahyεdeε ho, gyesε obi a (Nyankopͻn) ahu no mmͻbͻ”. Asorͻkye bͻ bɛtwaa wͻn mmienu ntεm, enti ͻkͻkaa wͻn a nsuo faa wͻn no ho.

Yεkaa sε: “Asaase, memene wo nsuo no; ͻsoro, ma ewiem nte hann (na gyae nsuo no tͻ), na nsuo no twae, na Nyankopͻn ahyεdeε no baa mu, na (εhyεn no) kͻgyinaa wͻ (bepͻ) Judi ho. Na yεkaa sε: “Nnebͻneεfoͻ no mfri hͻ nkͻ akyirikyiri!”

Noa su frεε ne Wura Nyankopͻn, ͻkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε me ba ka m’abusuafoͻ ho, na Wobͻhyε deε εyε nokorε na Wo ne atemmufoͻ no mu Otemmufoͻ no.

(Noa) kaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, mehwehwε ntwitwagyeε wͻ Wo hͻ sε mabisa Wo adeε a menni ho nimdeε; enti gyesε Wode mebͻne kyε me na Wohu me mmͻbͻ anyε saa a mεka berεguofoͻ no ho”.

Yεkaa sε: “Noa, fa asomdwoeε a efri Yεn nkyεn siane si fͻm; na nhyira wͻ wo ne nnipa a wͻka wo ho no so, ne wͻn a wͻfri wͻn mu (anaasε wͻn asefoͻ) no mu bi; na nnipa no mu bi nso Yεbεma wͻn agye wͻn ani (berε tiaa bi) na afei asotwee yaaya a efri Yεn hͻ ato wͻn.

(Ɔkͻmhyεni), woi yε nsumaeε mu amaneε na Yεreyi no adi akyerε woͻ. Ɛnyε adeε a na anka wo anaasε wo nkorͻfoͻ no nim saa (asεm) yi dada. Enti nya aboterε, na nokorε sε awieε (pa) no wͻ Nyamesurofoͻ no.

Aadfoͻ hͻ nso (Yεsomaa) wͻn nua Huud (maa no kͻͻ wͻn hͻ). Ɔkaa sε: “Me nkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, (efrisε) monni awurade foforͻ biara ka Ne ho. Nokorε sε moyε (nnipa a) motwa nkontompo paa.

Me nkorͻfoͻ, monsrε mo Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra moadwen nkͻ Ne hͻ, (sε moyε saa a) Ɔbεma nsuo atͻ ama no abuso ama mo, na Ɔde ahoͻden foforͻ aka mo ahoͻden ho, na monhwε yie na moanfa bͻne anane mo ho ankͻ.

Deε yεreka ara nesε,:”Y’abosom no bi de biribi bͻne bi ayε wo“. (Huud) kaa sε: “Mefrε Nyankopͻn sε, oni adanseε (ma me) na monso moni adanseε sε, medeε menka mo mmataho no a -,

Mofri N’akyi (de bata Ne ho no) ho. Enti mo nyinaa monkͻ apam ntia me, na momma me ahomegye berε.

Nokorԑ sԑ, medeε me Wura, ne monso mo Wura Nyankopͻn no na mede me ho to no soͻ. Abͻdeε a εnam asaase soͻ no mu biara, Onyankopͻn na Ɔwͻ ne so tumi. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn na ͻwͻ ͻkwan tenenee soͻ.

Enti sε modane moho kͻ a, ampa sε, mabͻ asεm a yεde somaa me sε menfa mmrε mo no ho dawuro akyerε mo. Na me Wura Nyankopͻn de nnipa foforͻ bεba abɛsi mo anan mu, na montumi nyε no hwee. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn na ͻhwε biribiara soͻ.

Saa na Aadfoͻ nso, wͻko tiaa wͻn Wura Nyankopͻn nsεnkyerεnee, na wͻyεε asoͻden tiaa N’asomafoͻ no, na wͻdii ahomasoͻfoͻ ne asoͻdenfoͻ biara ahyεdeε akyi.

Samuudfoͻ nso (yεsomaa) wͻn nua Soalhu (maa no kͻͻ wͻn hͻ) sε: “Me nkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, (efrisε) monni awurade foforͻ biara ka Ne ho. Ɔno na Ɔbͻͻ mo frii asaase mu, εna Ɔde mo tenaa soͻ. Enti monsrε Ne hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra moadwen nkͻ Ne hͻ. Nokorε sε me Wura Nyankopͻn bεn (N’akoa), na Ɔne mpaebͻ Tiefoͻ no”.

Wͻkaa sε: “Soalhu, ampa sε wo ne (onipa a) na anka yɛani da wo so wͻ yεn mu ansa na (wode) woi (reba). Enti worebra yεn sε yεnnnsom deε y’agya nom somoeε? Nokorε sε y’adwen yε yεn ntanta, na ensi yεn pi wͻ deε worefrε yεn kͻ no ho“.

(Soalhu) kaa sε: “Me nkorͻfoͻ moahu? Enti sε megyina nyinasoͻ pefee a efri me Wura Nyankopͻn hͻ so, na Wama me ahummͻborͻ a efri Ne hͻ a, εneε na hwan ne obi a ͻbεboa me ako atia Onyankopͻn, sε meyε (N’asεm ho) asoͻden a? Ɛneε na deε mode bεka me ho ara ne berεguo “.

“Me nkorͻfoͻ, Nyankopͻn yoma bedeε yi yε nsεnkyerεnee ma mo, enti monyae no ma no nidi wͻ Nyankopͻn asaase no so, na monhwε yie na moanyε no bͻne (biara), anyε saa a asotwee a abεn no bεto mo“.

Nanso wͻkum (yoma bedeε) no. Enti (Soalhu) kaa sε: ”Modeε monye moani wͻ mo afie mu nnansa. Woi yε bͻhyε a nkontompo biara nni ho “

Enti εberε a Y’ahyεdeε no baeε no, Yεde ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ gyee Soalhu ne wͻn a wͻagye adi aka ne ho no frii saa da no animguaseε no mu. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ no, na Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε.

(Wͻyεε) tesε deε wͻntenaa mu hͻ koraa da. Akyinnyeε biara nniho sε Samuudfoͻ no annye wͻn Wura Nyankopͻn anni. Enti (yɛyii) Samuudfoͻ frii hͻ.

Ampa nso sε Y’asomafoͻ no de anigyesεm no brεε Abraham. Wͻkaa sε: “Asomdwoeε” (de kyeaa Abraham), ͻno nso kaa sε: Asomdwoeε (de yii wͻn nkyea no ano); (Abraham) yεε ntεm de nantwi nam a yɛatoto bae (bεsom wͻn ahͻhoͻ).

Ԑberε a (Abraham) hunuu sε wͻn amfa wͻn nsa anka no, ne bo annwo wͻ wͻn ho, na ͻbͻͻ hu wͻ wͻn ho. (Soro abͻfoͻ no) kaa sε: ‘’Ensuro, yɛasoma yεn wͻ Lut nkorͻfoͻ no hͻ.”

(Saa berε no) na ne yere gyina hͻ, na ͻseree; na yεde Is’haaq (awoͻ) ho bͻhyε hyεε no bͻ; na Is’haaq akyiri no Ya’quub (na ͻbεtͻ so ayε wo nana).

Ɔkaa sε: ‘’Mahunu amane! Mεwo ba wͻ εberε a mabͻ aberewa na me kunu woi nso abͻ akͻkora? Nokorε sε woi deε anwanwasεm ni”

Abͻfoͻ no kaa sε: ‘’Onyankopͻn ahyεdeε na εyε wo nwanwa? Onyankopͻn ahummͻborͻ ne Ne nhyira wͻ mo so, efie ha foͻ. Nokorε sε, Ɔne Ayeyie Hene ne Animuoyam Hene no.

Nokorε sε na Abraham yε (onipa a) ͻwͻ ntoboaseε ne ntimmͻborͻ, na ͻde ne ho (nyinaa) maa Nyankopͻn.

(Abͻfoͻ no kaa sε) Abraham, gyae (kyεw pa) no, efrisε ampa sε wo Wura Nyankopͻn ahyεdeε no anya aba. Nokorε sε, asotwee no bεba wͻn so a yεtwe san a εnyε yie.

Ԑberε a Y’abͻfoͻ no baa Lut hͻ no, ne werε ho maa wͻn (abͻfoͻ no, εnam kuro no mu foͻ adwen bͻne nti), na onni tumi sε (ͻbetumi abͻ wͻn ho ban). Deε ͻkaeε ne sε: “Saa da yi yε da bͻne “.

Ne nkorͻfoͻ no de ahoͻherε baa ne hͻ; na ansa na saa (asεm yi reba no) na wͻyԑ nneyԑԑ bͻne. (Lut) kaa sε: “Me nkorͻfoͻ, me mma mmaa ni, wͻn na wͻn ho te ma mo. Enti monsuro Nyankopͻn na monhwε na moannwu m’anim ase wͻ m’ahͻhoͻ yi anim. Enti onipa teneneeni baako mpo nni mo mu?”

(Lut) kaa sε: ”Na anka me wͻ ahoͻden bi a metumi de asi mo (dwumadi bɔne yi) ho kwan, anaasε menya mmoa kεseε bi (de asi mo kwan)

(Abͻfoͻ no) kaa sε: “Lut, nokorε sε yεyε wo Wura Nyankopͻn abͻfoͻ. Na (nnipa bͻnefoͻ no) nsa nka wo. Enti fa wone w’abusuafoͻ no na montu kwan anadwo fa yi, na monhwε yie na mo mu biara antwa n’ani anhwɛ n’akyi; na mmom wo yere no deε, nokorε sε deε εbεto wᴐn no bi bεto no; εberε a yɛahyε de ama ne anɔpa. Anɔpa nyε (berε a) εbεn anaa?”

Nsohyεdeε a efri wo Wura Nyankoᴐn hͻ (wͻ ho); wɔne (Maka) abɔneεfoɔ no ntεm kwan nware.

Madiyanfoͻ no nso (yεsomaa) wɔn nua Shu’aib (kͻͻ wͻn hͻ). Ɔka kyerεε wɔn sε: ‘’Me nkorͻfoͻ, monsom mo Wura Nyankopᴐn (efrisε) monni awurade foforͻ biara ka Ne ho. Monhwε yie na moante adeε a mohyε (no wͻ bͻtͻ anaa konku mu) ne deε mode nsania susuo no so; mahunu sε moanya mo ho deε, nanso mesuro εda a asotwee betwa mo ho ahyia no ma mo “.

“Me nkorͻfoͻ, moma deε mohyε (no mmͻtͻ ne konku mu), ne deε mode nsania susuo no nyε pεpεεpε, na monhwε na moammͻ amanfoͻ nyansa korͻno. Na monnni nsεmmͻne wͻ asase so mma bͻneyε nntͻ nnkͻ so“.

“(Sε modi nokorε ma amanfoͻ) a, Onyankopɔn deε a εbεka ama mo no, εno na εyε ma mo, sε moyε agyidiefoͻ ampa a. Na medeε menyε mo so hwεfoͻ’’.

Asεm a wɔkaeε ne sε: ‘’Shaibu, enti wo Nyamesom no hyε wo sε yɛnnyae deε na yεn agyanom som (no som), anaasε εmma yεmfa yεn sika nnyε deε yεn ara yεpε? “ (wɔka dedii ne ho fεw sε: “Shuaib), nokorε sε wowͻ ntoboaseε, na w’adwene tene”.

Ɔkaa sε: “Me nkorͻfoͻ, monhunu sε, sε megyina nyinasoͻ pefee a efri me Wura Nyankopɔn hͻ no so, na Wama me akyεdeε a εyε akyεdeε pa a efri Ne hͻ a, (enti menfa efii mfra mu?) Mempεsε meneyԑԑ ne deԑ mabra mo no bԑbᴐ abira. Deε mepε ne sε, anka meyε (mo) yie sεdeε m’ahoͻden bɛtumi biara; na Onyankopͻn hͻ na me dwumadie no ho kwan kyerε wͻ, Ɔno na mede me ho to Ne soͻ, na Ne hͻ na medane me ho kᴐ.”

“Me nkorͻfoͻ, momma ͻkoo a moreko tia me no nnyε ͻhaw mma mo mma deε εtoo Noa nkorͻfoͻ anaa Huud nkorͻfoͻ anaa Soalhu nkorͻfoͻ no sεso mmεto mo, na Lut nkorɔfoɔ no deε εne montεm kwan nnware koraa.”

“Na monserε mo Wura Nyankopɔn hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra mo adwen nkͻ Ne hͻ. Nokorε sε, me Wura Nyankopɔn yε Ɔdεεfoͻ Hene, na Ɔyε Ɔdͻ Wura.

(Shuaib) kaa sε “Me nkorͻfoͻ, enti mode anidie ma m’abusuafoͻ kyεn Nyankopɔn ma εno nti moto no twene wͻ mo akyi? Nokorε sε, dwuma a modie biara no me Wura Nyankopɔn atwa ho ahyia.”

“Me nkorͻfoͻ, monyε adwuma sεdeε mo amammerε kyerε mo, na menso mereyε adwuma (sεdeε Onyankopɔn ahyε me), na yɛbɛhunu nea animguaseε asotwee no bԑto no, ne obi a ͻyε nkontompofoͻ; na monwεn, nokorε sε, meka mo ho ne mo rewεn.

Nnomee di wɔn akyi wͻ (wiase) woi mu, εna Wusɔreε da no (nso saa ara). Na akyεdeε bɔne paa ne akyεdeε a yεde bεkyε (wɔn saa Da no.)

(Ɔkכmhyεni), woi yε nkuro no ho abakͻsεm na Yεrebͻ wo amaneε. (Nkuro no) bi daso wͻ hͻ, ebi nso yɛatwa (wͻn) agu (anaasε yɛabͻ no korakora).

Ɛnyε Yεn na Yɛdii wɔn amim, na mmom wɔn ara na wɔdii wɔn ho amim. Ɛberε a wo Wura Nyankopɔn ahyεdeε no baeε no, wɔn anyame no a na wɔfri Nyankopɔn akyi sufrε wɔn no ho amma wͻn mfasoͻ biara, na amfa nkͻsoͻ biara nso amma wͻn, na mmom ͻsεeε (na εde brεε wɔn).

Saa ara na wo Wura Nyankopɔn asotwee no teε, sε Ɔretwe nkuro bi a wɔdi bɔne no aso a, nokorε sε N’asotwee a Ɔde twe wɔn no yεya, na ano nso yε den papaapa.

Nokorε sε, adesua anaa nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma obi a osuro Daakye asotwee no. Saa Da no na yεbεboa nnipa nyinaa ano no, na saa Da no ne Ɛda a (ͻsoro asafo ne asaase so deε nyinaa) bεwͻ hͻ bie.

Deε nti Yεretwetwεn (Atemmuda no) soͻ no ne sε, εwͻ εberε a yεde ahyԑ.

Ɛda a εbεba no, onipa biara nnkasa, gyesε Nyankopͻn ma kwan. Wɔn mu bi bεyε tibͻnefoͻ εna (ebinom nso) bεyε tipafoᴐ.

Wͻn a wͻbεyε tibͻnefoͻ no deε wͻn wͻ Ogya no mu, na emu na wͻbɛgu ahome kokoͻ adi apenesie.

Wɔbεtena (Ogya no) mu wͻ mmerε tenten sεdeε ͻsoro ne asaase wͻ hͻ, gyesε wo Wura Nyankopͻn pε. Nokorε sε, wo Wura Nyankopɔn ne (Otumfoͻ a) Ɔyε deε Ɔpԑ.

Enti εmma w’adwen nnyε wo ntanta fa deε (abosomsomfoͻ) woi nom resom no ho. Wͻnnsom hwee, na mmom deε na wɔn agyanom som no kane no ara. Nokorε sε, Yεbɛtua wͻn kyεfa no so ka pεpεεpε ama wͻn a εso nnte koraa.

Ampa sε, Yεde Nwoma no maa Mose, nanso akyinnyeε baa ho. Sε εnyε sε asεm no adikan afri wo Wura Nyankopᴐn hͻ a, anka yɛadi wᴐn ntεm asεm no. Nokorε sε wͻn adwen yε wͻn ntanta na wͻn adwen nnsi pi wͻ ho koraa.

Nokorε sε, wo Wura Nyankopɔn bɛtua wͻn mu biara dwumadie so ka (ama no) pεpεεpε. Nokorε sε, N’ani tua dwuma a wͻdie nyinaa.

Enti (Ɔkͻmhyεni), wo ne wͻn a wasakra wͻn adwen aka wo ho no nyina pintinn sεdeε yɛahyε woͻ no. Na monhwε na moanni bͻne. Nokorε sε, deε moyε biara no Ohu.

Gyesε obi a wo Wura Nyankopͻn ahu no mmͻbͻ; na woi ho nti na Ɔbͻͻ wͻn. Na wo Wura Nyankopͻn asεm no ahyε mma sε: “Mεka Jinni ne nnipa abom (de wͻn) ahyε Amanehu gya no mma.”

Ka kyerε wͻn a wͻnnye nnie no sε: ”Modeε monyε mo adwuma sεdeε mo amammerε kyerε mo, nokorε sε yεn nso yεreyε adwuma (sεdeε Nyankopͻn ahyε yεn);

“Na montwεn na nokorε sε yεn nso yεretwεn”.