عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Originator [Fatir] - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail

Surah Originator [Fatir] Ayah 45 Location Maccah Number 35

Adeε a Onyankopͻn bebue ama onipa afiri N’ahummͻborͻ mu no obiara nni hͻ a ɔbɛtumi asi ho kwan. Na deε Wasi ho kwan no nso obiara nni hͻ a ɔbɛtumi afiri N’akyi de ama. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no.

Adasamma, monkae Onyankopͻn adom a εwͻ mosoͻ. Enti Onyankopͻn akyiri no ͻbͻͻ adeε foforͻ bi wͻ hͻ a ͻbͻ mo akͻnhoma firi soro ne asaase soͻ? Awurade (foforͻ) biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara). Afei adεn na moredane mo ho firi ( Ne ho)?

(Nkͻmhyεni), sε wᴐbu wo nkontomponi a, saa ara na wᴐbuu asomafoͻ a wͻdii w’anim kan no nkontompofoͻ. Onyankopͻn hͻ na dwumadie nyinaa san kͻ.

Obia ne dwumadi bͻne yε no fε na ɔhunu (dwumadi bͻne) no sε papa no, (saa nipa no ne obia odi dwuma pa na εsε)? Nokorε sε Onyankopͻn yera obi a Ɔpε εna Ɔtene obi a Ɔpε nso. Enti (Nkͻmhyεni), εmma wo kraa ho nyera no nni wͻn ho awerεhoͻ. Nokorε sε Onyankopͻn Nim dwuma a wᴐdie (nyinaa).

Onyankopͻn bͻͻ mo firii mfuturo mu, εna afei ahobaeε mu εna Ɔyεε mo mmienu mmienu (onini ne ͻbedeε). Sε ͻbaa bi bɛnyinsεn anaasε ͻbεwoᴐ (ne nyinaa wͻ) Nenimdeε mu. Ԑmma sԑ yԑbԑma obi nkwa tenten anaa nenkwa so bԑteε (nenyinaa) wͻ Nwoma mu. Nokorε sε wei deε εyε adeε a εyε mmrε ma Nyankopͻn.

Sε mosu frε wͻn a wͻnte mo sufrε; sε wᴐte mpo a wᴐnnye mo so. Atemuda no wͻbεpo sε mode wͻn bataa (Onyankopͻn) ho no. (Saa Da no) obiara ntumi mmͻ mo amaneε tesε deε Biribiara ho Nimdefoͻ no bεbͻ mo (amaneε) no.

Sε Ɔpε a Ɔbɛyi mo afiri hͻ na Ɔde abɔdeε foforͻ aba (abɛsi moanan mu).

Na obi a ͻso adesoa no nsoa obi foforͻ adesoa. Sε obi a ͻso adesoa a emu yε duro frε ͻfoforͻ (sε ͻmmoa no) na ͻyε nebusuani mpo a, (ontumi) nsoa (n’adesoa no) mu hwee. (Nkͻmhyεni), obi a bͻ no kͻkͻ ne wͻn a wͻsuro Onyankopͻn wͻ nsumaeε mu na wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu. Na obi a ͻte (ne kraa) ho no, ͻte (ne kraa) no ho dema ͻno ara ne ho. Na Onyankopͻn hͻ ne (biribiara) nkyi.

(Nkͻmhyεni), w’asεdeε ara ne sε woyε kͻkͻbͻni.

Sε wͻbu wo nkontomponi a, saa ara na wͻbuu wͻn a wͻdii wͻn anim kan no nkontompofoͻ. Wͻn asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no ne Nyamesεm no ne Nwoma pefee no brεε wͻn.

Nokorε sε wͻn a wͻkenkan Nyankopͻn Nwoma no na wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu na wͻyi deε Yɛde abͻ wͻn akonhoma no mu bi ma wͻ kokoa mu ne badwa mu no, wͻrehwehwε adwadie a εka bͻ biara nni ho no.

Sεdeε Ɔbɛtua wͻn so ka pεpεεpε na Ɔde N’adom no bi bεka ho ama wͻn. Nokorε sε Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ayɛyie Wura.

Wͻbεka sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn a Wayi awerεhoͻ afiri yεn soͻ. Nokorε sε, Yɛn wura ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ayɛyie Wura.

Wͻn a wͻyi boniayε no nso wͻ Amanehunu gya; yεnhyehyεε εberε mmaa wͻn sε wͻbɛwu (wͻ Ogya no mu), na yεngo emu asotwee no mu mma wͻn koraa. Saa ara na yɛtua (onipa) biara a oyi boniayε no so ka.

Wͻbɛsu esu denden wͻ mu {aka) sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, yi yεn (firi amane-hunu yi) mu, na ma yεnsan nkͻ wiase bio na) yɛbɛdi dwumapa a εnyε dwuma bͻne a na yɛdie no. (Onyankopͻn bεka sε): “Yɛamma mo nkwa tenten a anka obia ͻde bɛtu (neho) foͻ no (bɛtumi) de atu (neho) foͻ? Kͻkͻbͻni no nso baa mo hͻ”. Enti monka (mo dwumadie so aba) nhwε, na abͻneεfoͻ no deε wͻnnya boafoͻ.

Ɔno na Ɔyεε mo ananmusifoͻ wͻ asaase soͻ. Enti obi a ɔbɛyi boniayε no, ne boniayε no tia ͻno ara, na boniayεfoͻ no boniayε no nyε nkͻsoͻ (biara mma wͻn) wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ, gyesε abufuhyeε, na boniayεfoͻ no boniayε no nyε nkͻsoͻ (biara mma wͻn) gyesε berεguo.

Wͻde Nyankopͻn dii wͻn nsedie akεseε no sε: “Sε kͻkͻbͻfoͻ bi baa wͻn hͻ a anka wͻbεyε ateneneefoͻ akyεn ͻman biara. Nanso ͻkͻkͻbͻni baa wͻn hͻ no wͻn annya nkͻsoͻ biara na mmom dwanee (na wͻdwanee nokorε no)-,

Yεε akεsesεm wͻ asaase no so bͻͻ pͻ bͻne; na pͻ bͻne no, ɛnnya obiara na mmom deε ͻbͻͻ (pͻ bͻne no ara na εbenya) no. Enti deε wͻretwεn ara ne (asotwee) a εtoo tetefoͻ no (sεso)? Wonnya nsesaeε wͻ Onyankopͻn kwan no mu, na wonhunu nsakraeε nso wͻ kwan a Onyankopͻn atwa ato hͻ no so.

Sε nka Onyankopͻn retwe nnipa aso (wiase ha) wͻ dwuma a wͻn adie ho a, anka εnka abͻdeε biara wͻ asaase no so, na mmom Ɔma wͻn berε dekɔsi εberε a yɛahyε ato hͻ no. Enti sε wͻn berε no so a, εneε nokorε sε Onyankopͻn deε Ɔhu Nenkoa no (nyinaa).