The Noble Qur'an Encyclopedia
Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languagesHe Frowned [Abasa] - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail
Surah He Frowned [Abasa] Ayah 42 Location Maccah Number 80
(Nkͻmhyεni) anim sesaae, na ͻdanee ne ho.
Efirisε onifirani no baa ne hͻ,
Na εdeεn na εbεkyerε wo sε ebia (saa onifirani no) bεyε kronkron,
Anaasε ͻde afutuo no bεto n’adwene mu ama afutuo no ho aba no mfasoͻ?
Obi a ͻhwε ne ho sε ͻsom bo no,
Ɔno mmom na wotie no.
Sε wannyε kronkron a, εho asεm nna wo so.
Obi a wabͻ mmͻden aba wo hͻ,
Na osuro (Nyankopͻn no)
Ɔno mmom na wayi w’adwen afiri ne soͻ.
Daabi, εyε Afutusεm,
Enti obi a ͻpε no, ͻmfa ntu (ne ho) fo.
Ɛwͻ Animuonyam Nwoma (a εwͻ Nyankopͻn hͻ) no mu.
(Nwoma a) εkorͻn wͻ Animuonyam ne kronkron yε mu,
Wͻ (Soro abͻfoͻ) Atwerεfoͻ nsam,
(Atwerεfoͻ) Animuonyamfoͻ apapafoͻ no.
Due nka onipa. Sεdeε ne boniayε si teε
Ͻbͻͻ no fri adeε bεn mu?
Ɔbͻͻ no fri ahobae mu, εna Osiesiee no,
Afei Ɔyɛε ne kwan so dwoodwoo maa no.
Afei na Wasan ama no awu na Wasie no wͻ adakamena mu.
Na sε Ɔpε nso a na Wanyane no (afri owuo mu).
Daabi, nanso (onipa) nyε deε (Nyankopͻn) ahyε ( no sε ͻnyε).
Enti onipa nhwε n’aduane (ahyε ase),
Yɛhwie nsuo no ma ebuso paa,
Afei na Yɛama asaase no apaepae paa,
Na Yɛama nnuaba afifi wͻ so,
Ne bobe ne wira ne mfudeε ahodoͻ,
Ne nku dua ne akyiresua dua;
Ne Turo a yɛagye ho a nnua ateten ahyε mma,
Ne nnuaba ne wira a mmoa weε.
Ԑyԑ akᴐnhoma ma mo ne moayεmmoa.
Na sε nteamu denden no ba a,
Saa Da no onipa bɛdwane ne nua,
Ne ͻmaame ne ne papa,
Ne ne yere ne ne mma.
Saa Da no, wͻn mu nipa biara ani bεbere wͻ asεm a εfa ͻno ara ne ho a, obi deε mmfa ne ho.
Saa Da no, ebinom anim bεhyerεn,
Asere wͻ anigyeε mu,
Saa Da no, ebinom nso anim bεyε mfuturo,
Esum bεkata wͻn so, na animguaseε bεka wͻn,
Saa nkorͻfoͻ no ne (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ nnipa bͻnefoͻ no.